Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛni pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Tikiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ne m'awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 4:7
9 Iomraidhean Croise  

Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.


Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;


sɛdeɛ mosuaeɛ nso firii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafoɔ


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


na mede Onesimo, onua nokwafoɔ dɔfo a ɔfiri mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.


Tihiko deɛ, masoma no Efeso.


Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wɔ wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekɔdi awɔ berɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan