Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 3:10
33 Iomraidhean Croise  

Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so.


Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:


Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.


Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma,


Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?


na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma.


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu.


Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba,


Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.


Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.


Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.


na wɔafiri ho ahwe aseɛ no, wɔbɛdane wɔn foforɔ akɔ adwensakyera mu, wɔn a wɔsɛne Nyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguaseɛ mu.


Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.


Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.


Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan