Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 2:3
21 Iomraidhean Croise  

Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.


Wɔde ahunta ateasefoɔ nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim.


sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a,


Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi, na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama no ahunu nhunumu kwan?


Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.


Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


Ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;


Yei ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidie ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan