Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 2:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi sodi ye pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Nea nneɛma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisosom ne ahobrɛase ne atirimmɔden a wɔyɛ no honam so de, na eyinom mfa mfaso mma na mmom ne nyinaa yɛ nea ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 2:23
10 Iomraidhean Croise  

na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.


Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,


Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ deɛ ɛkyerɛ nnoɔma hunu wɔ nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ famu nko.


Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum;


Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no.


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan