Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfo nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehu. Saa ahantanfo yi wɔ anifere su.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifire su.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 2:18
42 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.


Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi?


Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔnnue, adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn honhom akyire na wɔnhunu hwee no.


Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.


ɛfiri sɛ, wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti.


Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔsɔree somm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a wɔhyira no daa no. Amen.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.


Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so,


Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?


Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛdeɛ meremma mo nkyɛn.


Na anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ morennwene ntra deɛ wɔatwerɛ no, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asie.


Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ.


Monnim sɛ wɔn a wɔsi ammirika kan no, wɔn nyinaa tu ammirika no deɛ, nanso ɔbaako na ɔnya nkonim boɔ no anaa? Saa ara na montu ammirika, na moanya bi.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;


Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.


Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.


Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no.


Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.


Na meka yei na obi amfa nnaadaasɛm anto mo bradɛ.


Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum;


pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfoɔ, nanso wɔnte deɛ wɔka ne deɛ wɔhyɛ mu den no aseɛ.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan