Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 2:11
22 Iomraidhean Croise  

Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na monyi mo akoma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya abɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.


Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.


Na ɔdii nnawɔtwe a wɔrebɛtwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.


Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,


Mmom deɛ ɔwɔ sorosoro no nte deɛ wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ:


na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.


Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;


Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu?


Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,


Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.


Nanso Kristo a ɔbaa sɛ nnepa a aba dada no ho sɔfo panin, nam ntomadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛne soɔ, (a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu mu),


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan