Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 1:9
35 Iomraidhean Croise  

Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.


Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


sɛ nnoɔma nyinaa mu, moanya mo ho wɔ ne mu, asɛnka ne nimdeɛ nyinaa mu


Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


na monsɔ deɛ ɛsɔ Awurade ani yie no nhwɛ.


Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.


ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,


Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no,


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Enti nso, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamyɛ anisɔdeɛ ne gyidie adwuma nyɛ ma,


Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,


Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.


Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,


na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.


Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan