Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 1:5
33 Iomraidhean Croise  

Wo papa a wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no sɛdeɛ asi so fa! Ɛno na woyi kyerɛ wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ no, nnipa anim.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


Na mmom ɛse sɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anomu ne w’akoma mu, (ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no).


Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.


Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ.


ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wammu wɔn mfomsoɔ angu wɔn so, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa.


nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum;


Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?


Wɔn deɛ, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwere baako mpo, na asɛmpa no nokorɛ no akɔ so atena mo mu.


Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


(ɛfiri sɛ mmara no amma biribiara anni mu), nanso wɔde anidasoɔ a ɛyɛ kyɛne soɔ a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.


na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu,


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo yeinom daa, nanso monim dada, na moatim nokorɛ a ɛwɔ hɔ yi mu.


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan