Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 efisɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 1:4
18 Iomraidhean Croise  

Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a ɔnyaa no mo ho berɛ a ɔkaa mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhodie, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyee pii kyerɛɛ yɛn no.


na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Yei nti, me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa no,


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Na afei Timoteo firii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidie ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yie daa, na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo kyerɛɛ yɛn no,


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan