Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 afei ɔnam owu so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 1:22
21 Iomraidhean Croise  

Na manni fɔ wɔ n’anim, na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.


Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso nte n’ani so:


Hwɛ, ɔsrane mpo; ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim na nsoromma nso ho nte wɔ n’ani so.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


ahoteɛ ne tenenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.


Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.


Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo.


na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.


Na yei nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadie ama yɛn no;


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.


ɛsiane ɔkwan a wɔsiesie ama yɛn, ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Enti, adɔfo, ɛnam sɛ moretwɛn yeinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wɔnni nkekaeɛ ne dɛm asomdwoeɛ mu,


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan