Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim, nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim, nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfo, nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Odiyifo no ne Onyankopɔn yɛ Ɔyɛnfo ma Efraim nanso odiyifo no de, ɔnomayifo afiri wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtan wɔ ne Nyame fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:8
42 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so.


Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no.


Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.


Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.


Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


Na wɔrekɔsie onipa bi, na hwɛ, wɔhunuu asafokuo no, wɔtoo onipa no twenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, ɔnyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.


Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.


Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio.


Na ɔkaa sɛ: Ɛnneɛ momfa esiam mmra. Na ɔde guu ɛsɛn no mu, na ɔkaa sɛ: Hwie ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na biribi bɔne bi nni ɛsɛn no mu bio.


Na ne somfoɔ no bisaa sɛ: Ɛdeɛn? Memfa yei mensi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkaa bio sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi na wɔagya bi.


Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.


Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.


Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Yɛn kra adwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ fidie mu, fidie no abubu, na yɛn deɛ, yɛadwane.


Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me: Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?


W’afasuo so, O Yerusalem, na mede awɛmfoɔ maduadua. Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa.


Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akumiiɛ; na mennim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so, na wɔankae ne din bio.


Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.


Na Samaria adiyifoɔ no mu, mahunu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.


Na wɔasa me man kuro adwenhare so aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.


Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ: Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no. Nanso wɔse: Yɛrentie.


Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ; na wɔanyi w’amumuyɛ no so, sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba. Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.


N’adiyifoɔ bɔne, ne n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa; ma wɔhwiee teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.


Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.


Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.


Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.


Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban. W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.


Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya.


Na sɛ Onyankopɔn nokorɛ da adi mmoroso wɔ m’atorɔ mu kɔ n’animuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛni?


Montie mo mpanimfoɔ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wɔbɛbu ho akonta, na wɔde anigyeɛ ayɛ, na ɛnyɛ ahomeguo; ɛfiri sɛ yei nyɛ mfasoɔ biara mma mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan