Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ; wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane, wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi; na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ, ɛremma AWURADE fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ; wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane, wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi; na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ, ɛremma AWURADE fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn; wɔn a wodi nyinaa ho begu fi. Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:4
33 Iomraidhean Croise  

na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho.


na ɔsiesiee ɛso paanoo AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo kyɛfa, nso ɛno so na wohwiee ahwiesa na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ, yeinom so na me bo bɛdwo anaa?


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


na wɔremmubu paanoo mma wɔn, ayie ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufoɔ no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.


Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.


Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.


Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane,


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni no nkyɛn, wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ: Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti; yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena, afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo, me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa! na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fie ba.


Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa afiri AWURADE fie; asɔfoɔ no, AWURADE asomfo no, di abooboo.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu barima a ɔdi dɛm biara mmma mmmɛfa ne Nyankopɔn aduane no mmma;


Ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ mu biara a ɔdi dɛm no nntwe mmpini mmmɛfa AWURADE gya afɔdeɛ no mma; ɛdɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduane no nntwe mmpini.


Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.


Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson;


Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu.


Na wɔmfa bibitoma nkata anim pono no so, na wɔmfa nyowa no ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa paanoo no nsisi so;


Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.


mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan