Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Wɔde adeɛ abɔ Efraim; wɔn ase nhini akyenkyen; aba nso wɔrenso; sɛ wɔwo nso a, mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Wɔde adeɛ abɔ Efraim; wɔn ase nhini akyenkyen; aba nso wɔrenso; sɛ wɔwo nso a, mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Efraim agyigya, wɔn ntin akisa, nti wɔnsow aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Efraim agyigya, ne nhini akusa, enti wɔnso aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Wɔabɔ Efraim ade; wɔn ase ntini akyen; aba nso wɔrensow; sɛ wɔwo nso a, mekum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:16
10 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, mmɛtem nson a ahoa na ɛyɛ ntraantraa na apueeɛ mframa ama no akusa dii akyire fifirii.


Ne nhini bɛwuwu wɔ aseɛ, na ne mman adwinnwan wɔ soro.


Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ, na wahu afa wɔn so ama wɔakusa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.


Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu, ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.


Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan