Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a, mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wonnue, sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:12
23 Iomraidhean Croise  

Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko.


de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.


Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afena, na wɔn a wɔfiri ne mu no aduane remmee wɔn.


Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.


O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo, na me kra antwe amfiri wo ho, na mamma woannane amamfo, asase a obiara nte soɔ.


AWURADE, hwɛ, na hunu! Hwan na woayɛ no seyie yi? Mmaa nni wɔn yafumma nam, mmotafowa a wɔturu wɔn? Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ, AWURADE kronkronbea hɔ anaa?


Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuo da no, obiara amfiri mu amfi na obiara anka; wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no, me tamfo adwerɛ wɔn.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me; ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara; na me deɛ, anka mɛgye wɔn, nanso wɔdi me ho torɔ.


Efraim a meyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa soɔ no, Efraim no ara bɛyi ne mma afiri akɔma okumfoɔ.


Wɔde adeɛ abɔ Efraim; wɔn ase nhini akyenkyen; aba nso wɔrenso; sɛ wɔwo nso a, mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.


AWURADE bɛtwa ɔbarima a ɔyɛ yei, sɛ ɔnim na ɔboapa yɛ no afiri Yakob ntomadan mu, na wapo n’ayɛyɛdeɛ a ɔde brɛ asafo AWURADE no.


Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.


ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.


Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.


Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam.


Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.


Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.


Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan