Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so; bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so. Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:10
32 Iomraidhean Croise  

Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.


Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.


Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.


Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.


Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba sɛ wisie a ɛsɔre tee, kurobo ne ohwamfufuo ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?


na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a teɛberɛ nnya nnurui a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi.


Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.


Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie.


Na aniwudeɛ no amene deɛ yɛn agyanom brɛɛ ho no firi yɛn mmabunu berɛ: Wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa.


Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ, sukɔm asase no so.


na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.


Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho, ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho, na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ; na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.


Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ, pɛ na emu atitire pɛ ahohora.


Na momfa mmɔreka paanoo nhye aseda afɔdeɛ na mompae ayamyi ayɛyɛdeɛ mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfoɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Mennue, na mayɛ sɛ nnuabateɛ, sɛ bobe aba mpɛpɛdie, bobe esia a mɛdie, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.


na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.


Wɔn asase so ade nyinaa mu adikan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo deɛ; obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie nni bi.


Na aba bɛn na saa berɛ no monya firii nnoɔma a afei deɛ, mo ani wu ho no mu? Saa nnoɔma no awieeɛ ne owuo.


Ɔhunuu no anwea pradada asase so ne nkyɛkyerɛ so, ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.


Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wɔnni wɔn, afoforɔ a ɛbaa akyire yi na wɔn nananom amfɛre wɔn.


Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;


Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan