Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ adeɛ bi a ani bi nsɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ adeɛ bi a ani bi nsɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ ade a so nni mfaso biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔamene Israel, afei wɔte amanaman mu sɛ ade bi a ani bi nsɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 8:8
19 Iomraidhean Croise  

Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,


Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.


Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo, anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho? Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase a wɔnnim soɔ so yi?


Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;


Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie.


Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.


Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo.


W’atamfo nyinaa trɛtrɛ wɔn anomu tia wo; wɔhinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛasɛe no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie! Yɛanya, yɛn ani ahunu!


AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.


AWURADE adane sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel, wabubu n’aban afɛfɛ nyinaa; wasɛe n’aban a ɛyɛ den no, na wama Yuda babaa abooboo ne agyaadwotwirɛ adɔɔso.


Sion mma a wɔn boɔ yɛ den a wɔde sika amapa kari wɔn no, ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi?


Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ, yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ;


hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,


na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.


Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,


AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan