Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wofi Israel! Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wobebubu mu asinasin, saa Samaria nantwi ba no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 8:6
22 Iomraidhean Croise  

Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.


Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no ara.


Na afei, mo deɛ, mose mobɛhyɛ mo ho den, AWURADE ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no anim, na moyɛ asafo yuu, na mowɔ sika anantwie a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.


Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu.


Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.


Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, ɛho mfasoɔ ne deɛn? Ɛyɛ guo honi, kyerɛkyerɛni torofoɔ; ɛfiri sɛ odwumfoɔ yɛ ahoni mum a, ɔde ne ho to ɔno ara n’adwinnie a ɔdie no so.


Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.


Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan