Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Gilead yɛ mmusubɔfo kurow a mogya akeka mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 6:8
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.


Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.


Bio, wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab yɛɛ me, deɛ ɔyɛɛ Israel asahene baanu Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, sɛ ɔdii wɔn awuo na ɔkaa ɔsa mu mogya guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no.


Ɔtetɛ nsumaeɛ mu, ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.


Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.


Gye me amumuyɛfoɔ mu, na gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.


Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ, na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho; Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akakabensɛm wɔ wɔn nsam.


Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akumiiɛ; na mennim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so, na wɔankae ne din bio.


Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo.


(Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so, na Israel som ɛyerɛ ho, na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.


ne Gad abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase, Mahanaim ne ɛho asase,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan