Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 6:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. Wɔanni me nokware wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 6:7
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?


Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.


Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom,


Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.


Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.


Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.


Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamm m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu, na wɔfaa n’afaafa no ntam no,


Ɛfiri sɛ Israel fie ne Yuda fie atwa me nkontompo, AWURADE asɛm nie.


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ.


Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan