Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhu no, efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 5:6
23 Iomraidhean Croise  

Na Mose se: Yɛde yɛn mmɔfra ne yɛn mpanin na ɛrekorɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛrekorɔ, ɛfiri sɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE.


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.


Mehinii me dɔfoɔ, nanso na me dɔfoɔ adane ne ho asane kɔ. Ɔrekasa no, m’akoma tui. Mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.


Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.


Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie!


Wode mununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi? Akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, sɛ memfiri me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ bio.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Na wɔbɛkyini afiri po ano akɔ po ano, na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ afiri atifi fam akɔsi apueeɛ fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyiri kwan, na wɔrenhunu.


Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.


Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.


Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.


Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan