Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyi nti asase no di awerɛhow na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; wuram mmoa, wim nnomaa ne po mu nam rewuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yei enti asase no di awerɛhoɔ na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu; ewiram mmoa, ewiem nnomaa ne ɛpo mu nam rewuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam, wuram mmoadoma ne wim nnomaa; na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:3
17 Iomraidhean Croise  

Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo.


Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo, na afuom ahahan ntwintwam? Ɛsofoɔ bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.


Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di abooboo, ɛserɛ so adidibea akusa; na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso ntene.


Mehwɛe, na hwɛ, na onipa biara nni hɔ, na ewiem nnomaa nyinaa atutu kɔ.


Mmepɔ no nti, metue esu ne benabɔ mu, na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom, ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ, na wɔnte mmoakuo nne bio, ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


Meremmɛtwe wɔn aso wɔ yei nti anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ no so were?


na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase.


Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuo rebrɛ, ɛfiri sɛ wɔnni adidibea; nnwankuo nso tiri ato.


Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.


Yei nti asase renwoso na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa? Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.


Ɔteatea ɛpo ma no we, na ɔma nsutene nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan