Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:2
42 Iomraidhean Croise  

Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.


Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.


Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.


Na Israel ne Yuda Nyankopɔn, asafo AWURADE no, nnyae wɔn. Na wɔn deɛ, wɔn asase no, Israel Kronkronni no ho asodie ahyɛ so ma.


Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no, sɛ ne bɔne nso pu ba ne no; wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu, yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.


N’adiyifoɔ bɔne, ne n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa; ma wɔhwiee teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.


Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma, na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;


Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa, moadi atorɔ aba. Na wode wo ho too wo kwan, wo nnɔmmarima dodoɔ no so.


Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so.


Efraim de atorɔ na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia, nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.


Efraim yii abufuo sɛ, enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi, na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.


Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ, nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.


Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu.


Na asɔfoɔ asafokuo no te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa, wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no; aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.


Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.


Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,


Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,


Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Due, atuateɛ kuro a wɔagu ho fi, nhyɛsofoɔ kuro.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan