Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ, pɛ na emu atitire pɛ ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ, pɛ na emu atitire pɛ ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛ wɔn nsa sa koraa a, wɔtoa wɔn aguamammɔ so; wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛ wɔn nsã sa koraa a, wɔtoa wɔn adwamammɔ so; wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Sɛ wɔn asanom atra so a; aguaman na wɔbɔ, ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:18
18 Iomraidhean Croise  

Na ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W’ase Tamar abɔ adwaman ama no anyinsɛn. Na Yuda kaa sɛ: Monkɔfa no mmra na wɔnhye no.


Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea, wɔama no so kɛse.


Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?


Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ adwaman guu wo din so, na wohwiee w’adwamammɔ guu obiara a ɔretwam so; ne no daeɛ.


Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan