Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: odum, duafufu ne odupɔn ase, nea onwini yɛ fɔmm hɔ. Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: odum, duafufuo ne odupɔn ase, deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:13
20 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,


Na ɔbubuu nnwaman adan a ɛwɔ AWURADE fie, a mmaa nwonoo ntwamutam maa Asera wɔ mu no.


Na mo ani bɛwu adum a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a moyiiɛ no ho.


Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu, abotan mpaepaeɛ ase!


Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.


sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?


Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso.


Nkwantia nyinaa wotoo wo pampa, na woguu w’ahoɔfɛ no ho fi, na wobaee w’ananmu maa obiara a ɔsene, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan