Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 ntease tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuae. Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; wonni wɔn Nyankopɔn nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 nteaseɛ tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ. Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan; wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:12
25 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,


na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti,


Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu, na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ.


Na hwɛ, wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔbɔ adwaman nyinaa.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ; ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!


a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo, ne ɔboɔ nso sɛ: Wo na wowoo me, no; ɛfiri sɛ wɔadanedane wɔn akyiri akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.


Na Samaria adiyifoɔ no mu, mahunu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no.


Na Babel hene gyina tempɔn nkwanta so, akwan mmienu no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no, ɔwoso agyan, bisa abusua honi adeɛ, hwɛ mmerɛboɔ mu;


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Wɔn nneyɛɛ mma wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wɔnnim AWURADE.


Mahunu ahodwirideɛ Israel fie, ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.


Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyane! Na woka kyerɛ ɔboɔ mum sɛ: Sɔre! Ɛno na ɛbɛkyerɛ adeɛ anaa? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na ahome biara nni mu.


na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan