Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Wobedidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ, de wɔn ho ama

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre, ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ, de wɔn ho ama

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:10
18 Iomraidhean Croise  

Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn.


Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.


Ɔteneneeni bɛdidi ama ne kra amee, na abɔnefoɔ yafunu bɛda mpan.


Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu.


Hwan ne ɔba nyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Na hwan ne deɛ AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdeɛn nti na asase no asɛeɛ, ahye sɛ ɛserɛ, na obiara mfa soɔ?


Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo.


Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.


Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho, ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho, na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ; na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.


Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.


Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee.


Wo deɛ, wobɛdidi na woremmee, na ɛkɔm fitaa bɛde wo; na wobɛtwe wo nnesoa, na woremma no mfiri mu sɔnn; na deɛ woma no firi mu no mpo, mede bɛma afena;


ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.


Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan