Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mede nnwetɛbona dunum ne atoko homer biako ne atoko letek biako [a ɛyɛ homer fa] metɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 3:2
9 Iomraidhean Croise  

Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu.


Monnye me etire adeɛ dodoɔ ne akyɛdeɛ biara, na biribiara a mobɛse me no, mɛma; na momfa ababaa no mma me awareɛ.


Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.


na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ, na homer baako a wɔadua bɛma bat baako pɛ.


Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako.


Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa.


Na sɛ obi yɛ n’asase a ɔdi soɔ kronkron ma AWURADE a, wo boɔ bɔ nyɛ sɛdeɛ n’aduadeɛ teɛ; bɔ atokoɔ a wɔdua homer baako boɔ nnwetɛbena aduonum.


Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!


Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan