Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 3:1
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔkyɛɛ adeɛ maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmaa, ɔmaa wɔn mu biara paanoo mua baako ne nankum ne bobe aba taterɛ. Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn fie.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.


Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mmarima ne mmaa, obiara, paanoo mua ne nankum ne bobe aba taterɛ.


Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.


Hwɛ, sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.


Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.


Momfa bobe aba taterɛ nwowa me, momfa aprɛ aba nnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ abɔ me yareɛ.


Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no, sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm nie.


Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono sɛe nteaseɛ.


Yɛn hene afahyɛ da mu no, nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ. Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.


na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.


Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.


Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no.


Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.


Afei monnyɛ abosonsomfoɔ sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nkurɔfoɔ no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre goroe.


Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan