Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Merennɔ ne mma, efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Merennɔ ne mma, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:4
17 Iomraidhean Croise  

Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi?


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Nhyɛne efie a wɔsu mu mu, na nkɔ ayie ase na nnyam wɔn, ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so, AWURADE asɛm nie, mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.


Na mede me ninkuntwe bɛsa wo, na wɔne wo adi no anibereɛ so, wɔbɛtwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkaeɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmammaa akorɔ, na wɔde ogya ahye w’adeɛ a ɛbɛka akyire,


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.


Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie?


Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn.


Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene.


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan