Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare. Mefi me koma mu adɔ wɔn, efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 14:4
30 Iomraidhean Croise  

Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, sɛ wode bɛsie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ, awisiaa boafoɔ ne wo ara.


Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.


Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.


na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ; na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyie.


Monsane mo akyi, mma akyirisanfoɔ, mɛyɛ mo akyirisan no aduro. Hwɛ, yɛn nie, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE yɛn Nyankopɔn.


Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.


Saa nti kwaeɛ mu gyata bɛkum wɔn, anwea pradada so pataku bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkuro ho. Obiara a ɔbɛfiri adie no, wɔbɛtete no asinasini. Na wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so.


Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?


Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,


Ɛnna amanaman a atwa mo ho ahyia no bɛhunu sɛ, me, AWURADE, na masisi deɛ adwiridwirie no, na matɛ deɛ ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.


Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo.


Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ; ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie, ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ, ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.


Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu.


na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so.


na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.


na ama wɔayi n’adom a ɔde adom yɛn wɔ ne Dɔba mu no animuonyam ayɛ.


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu firi teteete


Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan