Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wo hene wɔ he na wabegye wo? Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, wɔn a wokaa faa wɔn ho se, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:10
26 Iomraidhean Croise  

Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko.


Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.


AWURADE ne hene daa daa, amanaman ayera afiri n’asase so.


Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.


Wo, Onyankopɔn, wone me Hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagyeɛ ara nko.


Nanso Onyankopɔn ne me hene firi teteete, ɔyɛ ɔgyeɛ adwuma asase so.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


Me, AWURADE, mene mo Kronkronni, Israel bɔfoɔ, mo hene no.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so, na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko, na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.


Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan