Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔma no so wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:1
26 Iomraidhean Croise  

Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.


Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree Penuel.


Me na wɔtie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotuo;


me kasa akyi wɔnsane nkasa, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:


Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


na Siria tiri ne Damasko, na Damasko tiri ne Resin. (Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)


Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.


Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfiri me nsam.


Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Na Efraim mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama die;


yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea;


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.


Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.


Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara.


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan