Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 12:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so; mɛma woatena ntomadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so; mɛma woatena ntomadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Mene Awurade wo Nyankopɔn, a miyii wo fii Misraim. Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so; mɛma woatena ntamadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 12:9
22 Iomraidhean Croise  

Na mmɔfra no nyinii. Na Esau nim ahayɔ yie, na ɔyɛ ɔhamuni, na Yakob deɛ na ɔyɛ onipa a ɔmpɛ kasa a daa ɔte ntomadan mu.


ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na wɔdii asese nnapɔnna no sɛdeɛ wɔatwerɛ no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔdeɛ ne dodoɔ mu, sɛdeɛ mmara teɛ no, sɛdeɛ ɛhia da biara.


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,


Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Na monnsisi adan, na monnnua hwee, na monnyɛ bobeturo biara, na mommfa ebi nso nnyɛ mo deɛ; na ntomadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔhoɔ no so.


Sɛdeɛ nnomaa hyɛ kɛntɛn ma no, sɛ nsisie ayeyɛ wɔn afie mu ma ma ne no. Enti wɔayɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho.


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so, na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko, na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.


na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.


nsania tee, abrammoɔ tee, efa tee ne susutoa tee na monkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ no.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan