Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 12:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Gilead yɛ otirimɔdenfo ana? Emu nnipa no yɛ ahuhufo! Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana? Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa? Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ! Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa? Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 12:11
18 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma; wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ; ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.


Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a, mma Yuda nnni so. Na mommma Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.


Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu.


Na Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔrebukyia no adane wɔn bɔneyɛ.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn; wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛpamo wɔn afiri me fie, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.


Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa, ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa.


Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.


Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan