Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 12:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no, na mama anisoadehunu adɔɔso, na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no, na mama anisoadehunu adɔɔso, na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo, memaa wɔn anisoadehu bebree na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ, memaa wɔn anisoadehunu bebree na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na makasa makyerɛ adiyifo no, na mama anisoadehu adɔɔso, na menam adiyifo ano so mabubu mmɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 12:10
29 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.


Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,


Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,


Na AWURADE somaa ne nkoa adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.


Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn,


Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so, na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko, na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Asese mu na montena nnanson, Israel man mma nyinaa ntena asese mu,


Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ;


Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.


Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan