Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 11:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Me koma asakra wɔ me mu; na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 11:8
38 Iomraidhean Croise  

Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela (a ɛne Soar) ahemfo firi bae.


Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.


Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo deɛ, monkyɛ mu!


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.


Enti me kra si apini wɔ Moab ho, me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.


Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel! AWURADE asɛm nie. Meremmuna menkyerɛ mo bio, na ɔdomfoɔ ne me, AWURADE asɛm nie. Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa.


Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.


Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti.


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛnane wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babaa no ho?


AWURADE, hwɛ sɛ me ho hiahia me yi, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma adane wɔ me yam, ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ nti. Afena twitwa me mma abɔntene so, na ewuo nso wɔ fie.


na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no, sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;


ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yea anaa ɔbɛha nnipa mma.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho. Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.


Enti, sɛ mete aseɛ yi, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn asɛm nie, ampa, Moab bɛdane sɛ Sodom, na Amon mma ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyene amena ne daapem amamfo; me man nkaeɛ bɛfom wɔn afa, na me nkurɔfoɔ a wɔbɛka soɔ no adi wɔn so.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ,


sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ,


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ: Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan