Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 11:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no, saa ara na woguan fii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni, na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 11:2
28 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam.


Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no.


Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.


Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.


Na me man werɛ afiri me, wɔahye aduhwam ama abosom hunu, na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so, wɔ teteete atempɔn so, sɛ wɔnnante akwan a ɛnyɛ akwammɔeɛ so.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Morennye nkyerɛkyerɛ sɛ mobɛtie me nsɛm? AWURADE asɛm nie.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsane afiri wɔn bɔne ho, na wɔrenhye aduhwam mma anyame foforɔ.


Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Monnyɛ sɛ mo agyanom a kane adiyifoɔ no pae kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne no ho, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, AWURADE asɛm nie.


Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan