Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Enti hooyɛ bɛsɔre w’aman no mu, na wɔabɛsɛe w’abandennen nyinaa, sɛnea Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtetew ɛna mu asinasin agu mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:14
21 Iomraidhean Croise  

Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.


Amanaman anyame no mu bi agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn?


Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.


Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Saa na ayɛ mo: Betel mo bɔne mu bɔne no nti; adeɛ reba abɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ koraa.


Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Gyata abobom, hwan na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?


Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.


na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa;


Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.


W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua a ɛso wɔ adɔmakan, sɛ wɔwoso a, ɛtotɔ odifoɔ anomu.


Wɔn deɛ, wɔsi ahemfo atwetweɛ na aberempɔn ho yɛ wɔn sere, wɔsere aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔteɛ ano gu hɔ na wɔafa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan