Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Dua trenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a womfuntumii so no; na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade, kosi sɛ ɔbɛba abɛpete trenee agu wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:12
33 Iomraidhean Croise  

Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa.


Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.


Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua.


Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.


Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho, na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.


Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so.


Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ.


Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ,


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.


Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.


Nna no mu, ne berɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.


Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na mframa na wɔguo, na ahum nso na wɔbɛtwa. Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu; deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu mpo a, ahɔhoɔ na ɛbɛdie.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.


Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fie, na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;


Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi.


na me nkoa ne me mfenaa so na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo, na wɔahyɛ nkɔm.


Na deɛ ɔde aba ma ogufoɔ na ɔma paanoo sɛ aduane no, ɔbɛma aba a moguo no, na wama no adɔɔso, na wama mo tenenee aba no ase adɔre.


Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan