Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:10
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?


Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Woapa me, AWURADE asɛm nie, na wo nsaneakyire no kɔ so ara; enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ. Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ a mode ne Babel hene ne Kaldeafoɔ a wɔabɛtua mo ɔfasuo akyire rebɛko no, na maboa ano maba kuro yi mfimfini.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.


Na mɛma m’abufuhyeɛ no adwo wɔ wo ho, na me ninkuntwe afiri wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn ama ahodwan ne ɔfom,


Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.


Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu, na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti, na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan.


Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.


Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan