Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:6
11 Iomraidhean Croise  

Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.


Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie.


Mo a kane no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Nyankopɔn man, mo a monnyaa mmɔborɔhunu, na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan