Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel, ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakraa na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fi, na mama Israel fi ahenni no to atwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:4
32 Iomraidhean Croise  

Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ:


Na ɔduruu Samaria no, ɔkumm nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.


Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.


Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasur na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.


Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie.


Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.


Wɔn na wɔyii n’adagya soɔ, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmammaa, na ɔno ara nso, wɔde nkrantɛ kumm no, na ɔyɛɛ ɔnokwa maa mmaa, na wɔyɛɛ no n’atemmudeɛ.


Wo nuabaa no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.


Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami, na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so, na ɛno nso agye Yesreel so.


Me Nyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie.


Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.


Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.


Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).


Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan