Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:10
26 Iomraidhean Croise  

Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


Wo na wokaa sɛ: Yie na mɛyɛ woɔ, na mɛma w’asefoɔ ayɛ sɛ mpoano anwea a ne dodoɔ nti wɔntumi nkan.


Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea, na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa. Wɔrentwa wɔn din ntwene, na wɔrensɛe no mfiri m’anim.


Na wo ara wone yɛn Agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn Agya, wo din ne yɛn Gyefoɔ, firi tete nteredee.


Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.


Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no.


Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.


Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ na ɔgyina hɔ daa, na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ.


Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami, na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma


Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan