Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:1
26 Iomraidhean Croise  

Na Yoas tii n’agyanom wɔ asamando, na Yeroboam bɛtenaa n’adwa so; na wɔsiee Yoas Samaria kaa Israel ahemfo ho.


Na Yehoas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam bɛdii n’adeɛ.


Yudahene Amasia, Yoas ba, afe a ɛtɔ so dunum so na Israelhene Yeroboam, Yoas ba, bɛdii hene, Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan baako.


Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam bɛdii hene.


Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn.


Na Asaria tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.


Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba.


Ahas dii mfeɛ aduonu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.


Na akronkronneɛ no yɛ anantwie ahansia ne nnwan mpensa.


Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.


Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.


Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.


AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie.


Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.


Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ:


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,


Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,” ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;


ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan