Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu, na ɔnantew po asorɔkye so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔnante ɛpo asorɔkye so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro, na otiatia po asorɔkye so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 9:8
22 Iomraidhean Croise  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.


Ne honhom ano na ɔsoro teɛ, ne nsa na ɛhwire ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ no mu.


Ɔno na ɔtrɛ ɔsoro a ɛbirie no mu ahunumu, na ɔde asase sɛne deɛ biribi nnie.


Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?


na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no?


Woakɔ ɛpo aniwa ho, na woanante bunu donkodonko ase?


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn.


Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu de ɔsoro trɛɛ hɔ.


AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:


Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan