Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom, na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom, na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee, yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee. Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 8:9
14 Iomraidhean Croise  

Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu.


Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ.


Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?


Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma.


Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa. Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina.


Mekaa sɛ: Wɔmma onyinkyerɛ nkasa, aane, na mfeɛ dodoɔ nkyerɛ nyansa.


Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.


Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa, na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu?


Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.


Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.


Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ, na me mfeɛ nyɛ hwee w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ deɛn ara a, na ɔyɛ huruhuro ara kwa.


Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.


Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so sɛ nnora da a ɛtwaa mu ne anadwo mu dasuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan