Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ, na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ, na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no, na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no, na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na bisa awo ntoatoaso ɛ, na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 8:8
15 Iomraidhean Croise  

Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?


Nkɔkoraayɛ mu na nyansa wɔ, na onyinkyerɛ ma nhunumu.


Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;


Hwɛ, wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu, deɛ ɔsene w’agya panin mpo.


Deɛ anyansafoɔ aka akyerɛ na wɔansi so firi wɔn agyanom berɛ soɔ;


Wonnim yei a ɛfiri tete, ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no,


Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so, tete mmerɛ no mu.


ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ, sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma nhunu wo nokorɛ.


Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn?


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi.


Kae tete nteredee nna, hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ; bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo, wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.


Na mommu nkɔmpɔ nhwɛ mo akyi, ɛfiri da a Onyankopɔn bɔɔ onipa baa asase soɔ, na mommisa mfiri soro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛseɛ yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan