Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Adɛn nti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Adɛn enti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛre biara, mɛda mfuturo mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na menni hɔ bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomso nsen nkɔ? Na afei mɛda mfutuma mu, na wobɛhwehwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:21
29 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!


Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomsoɔ ho.


Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?


Hwan ne deɛ ɔne me bɛham? Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.


Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?


na mese Amena sɛ: M’agya ne wo, ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a,


Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.


Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio.


Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,


Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Deɛ ɔhu me anisoɔ renhu me bio, w’ani tua me, nso na menni hɔ.


Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:


me yea nyinaa yɛ me hu, ɛfiri sɛ mehunu sɛ woremmu me bem.


Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren.


na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ, na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.


O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree, na nkae amumuyɛ nkɔsi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.


Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.


Na monim sɛ ɔno deɛ, ɔyii ne ho adi sɛ ɔrebɛyi bɔne akɔ, na bɔne nni ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan