Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Munnyaa me; na me nna nka hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Monnyaa me; na me nna nka hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:16
22 Iomraidhean Croise  

Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmammaa nti m’asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yerɛ Het mmammaa mu, sɛ yeinom a wɔwɔ ɛha yi a, na me mmerɛ ngui, na mete ase reyɛ deɛn bio?


Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom.


Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.


Me nna nyɛ kakraa bi? Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra,


ɛnneɛ yi w’ani firi ne so na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani.


Sɛ Onyankopɔn pene na ɔpɛkyɛ me, na ɔgya ne nsa kwan na ɛtwa me ɛ!


Na ɛma me kra yi menebɔ ne owuo mmom sene me nnompe yi.


Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’ani rensane nhunu papa.


Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho; me nkwa afono me.


Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.


Yi wo haw firi me so. Wo nsa ano hweɛ rehye me.


Yi w’ani firi me so, na mente m’anim, ansa na mafiri ha, na wɔanhu me bio.


Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa. Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho, ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Enti ɔmaa wɔn nna yeraa sɛ ahuro, ne wɔn mfeɛ ehu mu.


Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkorɔ na ɛnsane n’akyiri bio.


Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na abusua bɔne yi mu nkaeɛ a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa, wɔ baabiara a metuu wɔn mekɔeɛ no, asafo AWURADE asɛm nie.


Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.


Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan