Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohiahia mu, mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohiahia mu, mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɛno nti meremmua mʼano; mifi me honhom ahoyeraw mu akasa, mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɛno enti meremmua mʼano; mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa, mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohia mu, mesi apini m’awerɛhow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 7:11
20 Iomraidhean Croise  

Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yɛdi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yɛhunuu n’ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborɔhunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn soɔ.


Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.


Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue, na sɛ metene nso a, meremma me tiri so; ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.


Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.


Sɛ mekasa a, me yea no mmoto, na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ?


Na ɔfoforɔ nso de ne kra awerɛhoɔ wu a wanni nnepa no bie.


Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asene m’apinisie.


Hwɛ yie, nnane w’ani nkɔ ahuhudeɛ so, ɛfiri sɛ wopɛ ɛno mmom sene amanehunu.


Nsɛm ho animka na modwene? Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa.


Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie, mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a,


M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwendwen no, na ogya no redɛre, na mede me tɛkyerɛma mekasae.


Maka tenenee ho asɛmpa asafo kɛseɛ mu, hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wonim.


Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.


Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na mefiri akoma mu ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo bebree na metwerɛɛ mo, ɛnyɛ sɛdeɛ mo werɛ bɛhoɔ, na mmom sɛdeɛ mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo.


Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan